Ɛfiri IBNU ABBAS Nyame penee nka wɔn- ɔkaa sɛ: Nyame kɔmhyɛni-Nyame asomdwoe ne nhyira nka no-ka kyerɛɛ Muaz bun Jabal berɛ a na ɔresoma no akɔ YEMEN...
Bere a Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira no na ɔmma no asomdwoe, somaa Muadh bin Jabal, Onyankopɔn ani nnye ne ho, kɔɔ Yemen man mu sɛ ɔfrɛfoɔ ma Onyanko...
Firi Abu Hurairah hɔ, Onyankopɔn ani nnye no,ho ɔkaa sɛ: Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owus...
Ɔkɔmhyɛni no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa a wɔn ani gye paa wɔ ne ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no ne deɛ ɔka sɛ: “Onyam...
Abu Hurayrah (Allah nnye no ntom) kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ: <<Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''Me sombo sene aho...
Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - bɔ amaneɛ sɛ; Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''esipi sɛ Ɔno ne neɛ Ɔsombo sene neɛ wɔde rebata No ho biar...
Firi Umar Ibn Al-Khattab hɔ Nyame ani nnye ne ho,ɔkaa sɛ:"metee sɛ kɔmhyɛni no Nyame nhyira ne asomdwoe nka no reka sɛ: Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ b...
Kɔmhyɛni no, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no,baraa ayeyi a ɛboro so ne n’ayeyi a ɛboro mmara kwan so afei, sɛ yɛde Otumfoɔ Nyankopɔn su ahodoɔ ne ne n...
Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<Mommɔ dawuro mfa me nsɛm no ho; sɛ mpo ɛyɛ yikyerɛ...
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rehyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ nimdeɛ a ɛfiri ne nkyɛn no ho dawuro mfiri Kur'ani anaa n'ano asɛm mu, sɛ mpo ɛyɛ ade...

Ɛfiri IBNU ABBAS Nyame penee nka wɔn- ɔkaa sɛ: Nyame kɔmhyɛni-Nyame asomdwoe ne nhyira nka no-ka kyerɛɛ Muaz bun Jabal berɛ a na ɔresoma no akɔ YEMEN sɛ: "Ampa woreba nkorɔfoɔ bi a wɔyɛ Nwoma no foɔ,na sɛ woba wɔn hɔ a frɛ wɔn ma wɔnni adanseɛ sɛ Nokware Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah,na Muhammad yɛ Nyame somafoɔ,na sɛ wɔyɛ setie de ma wo fa saa ho a, bɔ wɔn amanneɛ sɛ ampa Nyame ayɛ asɔreyɛ mprɛnum nhyɛ wɔ wɔn so dabiara ne anadwo biara,na sɛ wɔyɛ setie ma wo fa saa ho a,bɔ wɔn amanneɛ sɛ ampa Nyame ayɛ ZAKKAH (ntotosoɔ dudu)no nhyɛ wɔ wɔn so a yɛbɛgye afiri wɔn asikafoɔ no hɔ ama wɔn mu ahiafoɔ no,na sɛ wɔyɛ setie ma wo fa saa ho a,yɛ ahwɛyie wɔ wɔn sika pa no ho,na suro nea yɛasisi no no mpaebɔ no,efiri sɛ ɛhyeɛ biara nna ɔne Nyame ntam".

Firi Abu Hurairah hɔ, Onyankopɔn ani nnye no,ho ɔkaa sɛ: Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu.

Abu Hurayrah (Allah nnye no ntom) kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ: <

Firi Umar Ibn Al-Khattab hɔ Nyame ani nnye ne ho,ɔkaa sɛ:"metee sɛ kɔmhyɛni no Nyame nhyira ne asomdwoe nka no reka sɛ: Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ bu Maria ba no; efiri sɛ meyɛ N’akoa nkutoo, na mmom monka sɛ: Nyame akoa ne Ne somafoɔ".

Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <>.

Abu Hurayrah, - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <>.

Abii Huraira Onyame penie nka no aka sɛ: ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne asomdwoe nka no kaa sɛ: "Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara".

Jundub - Allah nnye no ntom -kaa sɛ: Metee sɛ ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - Nnaanum ansa na ɔrebɛwu no, na ɔreka sɛ: << Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no, na sɛ mpo sɛ nka merefa adamfoɔ afiri me dɔm yi mu a, nka mɛfa Abubakar adamfoɔ. So! monim sɛ wɔn a wɔdii mo anim kan no na wɔfa wɔn akɔmhyɛfoɔ ne wɔn mu apapafoɔ nna so sɛ nyamesombea, daabi da! ma momfa amusie sɛ nyamesombea, esipi sɛ merebra mo firi saa ade no ho>>.

Yɛnya firii Ibn Umar Nyame anni nnye wɔn mmienu ho sɛ ɔtee sɛ barima bi reka sɛ:Daabi,mede Ka’aba di nse,na Ibn Umar kaa sɛ:Daabi yɛmfa obi nni nse gye sɛ Nyankopɔn,efiri sɛ metee sɛ Nyame somafoɔ-Nyame nhyira ne asomdwoe nka reka sɛ: << Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.

Abdullahi bin Mas'ud -Allah nnye no ntom- kaa sɛ, Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no: << ɔsɛeɛ aka 'ɛstrimistfoɔ' wɔn a wɔyɛ kyenkyenekyee wɔ nyamesom mu>> ɔkaa no mprɛnsa.

Ibn Mas'ud Allah nnye no ntom kaa sɛ: ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ>>.

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ, Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia>>.