- Kɔkɔbɔ fa sɛ,ɛnsɛ sɛ wɔma anuonyam ne ayeyi boro mmara kwan so deɛ no; Efiri sɛ ɛno de mmatahosom ba.
- Nea Ɔkɔmhyɛni no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, bɔɔ kɔkɔ wɔ ho no asi wɔ ɔman yi mu, na nnipa kuo bi yɛ de daadaa Onyankopɔn Somafoɔ no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kɔmhyɛni abusuafoɔ kuo no bi, ne ahotefoɔ kuo bi, na wɔtehwee mmataho som mu.
- Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoeɛ nka no, frɛɛ ne ho sɛ Nyankopɔn akoa. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo ampa, ɛnsɛ sɛ Awurade no su biara kɔma no.
- Onyankopɔn Somafoɔ, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoeɛ nka, kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somafoɔ. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdebɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somafoɔ a Nyankopɔn asoma no firi Ne kyɛn, enti ɛwɔ sɛ yɛgye no di na yɛdi n’akyi.