- Adansedie sɛ Nyame biara nni hɔ a yɛsom no gye sɛ Allaah(LAA ILAAHA ILLA ALLAH) asekyerɛ ne sɛ, ɛne sɛ wobɛyɛ Nyankopɔn koro wɔ ɛsom no mu,na wobɛgyae ɛsom foforɔ biara a ɛnyɛ ɛno.
- Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ adansedie a ɛkyerɛ sɛ Muhammad yɛ Onyankopɔn Somafoɔ no ne sɛ yɛbɛgye no adi ne deɛ ɔde baeɛ no, na yɛbɛbu no sɛ nokwafoɔ, na ɔyɛ Onyankopɔn somafoɔ a ɔtwa toɔ ma adasamma.
- Ampa sɛ worekasa akyerɛ nimdifoɔ ne wɔn sɛso no, ɛne sɛ worekasa akyerɛ fratamni nyɛ pɛ; nti ɔkakyerɛɛ Muadh sɛ:"Woreba nkorɔfoɔ a wɔyɛ nwoma no nkorɔfoɔ nkyɛn.
- Ɛhia sɛ muslimini bɛhunu ne som;sedeɛ ɛbɛyɛ a akyinnyegyefoɔ no tiri mmɔ wɔn ase, saa no gyina nimdeɛ a wɔbɛhwehwɛ no so.
- Yudafoɔ ne akristofoɔ som nni mmu wɔ kɔmhyɛni-Nyame nhyira ne asomdwoe nka no- soma no akyi, na wɔnka nkwagyeɛfoɔ no ho Wusɔreɛ Da no, kɔpem sɛ wɔbɛwura Islam som no mu,na wɔbɛgye kɔmhyɛni no Nyame nhyira ne asomdwoe nka no adi.