- Abubakar Suiddiq -Allah nye no ntom- suban pa, na ɔno ne osuani a ɔdi mu pa ara ne nipa ɔfata pa ara sɛ ɔdi Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- adeɛ wɔ ne wuo akyi.
- Sɛ woresi nyamedan wɔ nna so ka nkuro a ediikan no akyiwadeɛ ho.
- Bra a wabra sɛ wobɛfa obi nna so sɛ beaɛ a wosom Nyame, na wayɛ asɔre wɔ ho anaa sɛ no nkyɛn, na wɔasisi asɔdan anaa sɛ adum asisi so, kɔkɔbɔ sɛneɛ wonkɔ tɔ abosomsom mu ɛnam saa kwan yi so.
- Kɔkɔbɔ sɛ yɛnnhaahan y'ani wɔ apapafoɔ gyinaberɛ mu esiane bosomsom a ɛde onipa kɔ mu nti.
- Asiane a ɛwɔ deɛ Ɔkɔmhyɛni no, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no, bɔɔ kɔkɔ wɔ ho, sɛdeɛ ɔsii so dua anadwo num ansa na ɔrewuo no.