<<(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso>>
Aa isha -Allah nnye no ntom- kaa sɛ: Allah somafoɔ Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso>>.
رواه النسائي وأحمد
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn ananeɛ, sɛ yɛde ''Arak'' dua ne sɛsoɔ twe yɛ se a, ɛte y'anum firi efii ne pampam bɔne ho, Na ɛka akwan a Allah fa so de gye akoa bi tom; ɛfiri sɛ ɛyɛ sotie a yɛyɛ ma Allah ne n'ahyɛdeɛ a yɛagye atom, ɛsiane ahonnidie a ɛwɔ mu a Allah Okokuroko no pɛ nti.
Hadeeth benefits
Duaweɛ ho mfasoɔ ne nkuranhyɛ a ɔkɔmhyɛni de hyɛɛ ne dɔm sɛ wɔnwe no pii.
Ne papa mu pa ara ne sɛ wobɛwe ''arak'' dua, anaa sɛ wobɛfa borɔɔso ne aduro atwe wo se, ɛsi n'anan mu.
Nea ɔka ho / nea ɔyɛ bi
Use the QR code to easily share the message of Islam with others