“Nkaakaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Onyame biara nni hɔ gye Allaah, na mpaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Ayeyi nka Onyankopɔn.”
Jabir Allah nnye no ntom kaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ: “Nkaakaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Onyame biara nni hɔ gye Allaah, na mpaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Ayeyi nka Onyankopɔn.”
رواه الترمذي والنسائي في الكبرى وابن ماجه
Explanation
Ɔkɔmhyɛni rebɔ yɛn amaneɛ sɛ nkaekaeɛ (ntomtom) a ɛsom bo pa ara ne sɛ wobɛka sɛ: ''La ilaha illa llah'', n'asekyerɛ ne sɛ, obibiara nni hɔ a ɔfata som pa agye Allah, na mpaebɔ a edi mu pa ara ne ''Al hamdulillah'' na ɛno ne sɛ worehunu sɛ Adom Kyekyɛfoɔ no ne Allah Ɔhoteeni, neɛ Ɔfata abɔdin fɛɛfɛ a ɛwie pɛyɔ.
Hadeeth benefits
Sɛ worehyɛ nkuran sɛ afoforɔ de gyedie krɔgyenn asɛm bɛtomtom Allah bebree, na wɔde aseda abɔ mpaeɛ.
Nea ɔka ho / nea ɔyɛ bi
Use the QR code to easily share the message of Islam with others