<<obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ>>
Sahal bin Sa'ad -Allah nnye no ntom- kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asondwoeɛ nka no- kaa sɛ: <<obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ>>.
رواه البخاري
Explanation
Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa nneɛma mmienu bi ho a sɛ muslimini sɔ mu a; esipi sɛ ɔbɛwura ɔsoro aheman mu.
Neɛ edikan: Worebɔ wo kɛtrɛma ma ho ban afiri kasa a ɛhyɛ Allah Okokuroko abufuo,
Neɛ ɛtɔ so mmienu: worebɔ w'adagya ho ban sɛ wonkɔtɔ amumueɛsɛm mu.
Ɛfiri sɛ saa honam akwaa mmienu yi taa de bɔne ba.
Hadeeth benefits
Sɛ worebɔ wo kɛtrɛma ne w'adagya ho ban yɛ ɔkwan a ɛde obi wura ɔsoro aheman mu.
Ɔbɔɔ kɛtrɛma ne adagya din pɔtee ɛfiri sɛ wɔnom ne bɔne nhini ma onipa wɔ asaase yi so ne atemmuada no.
Nea ɔka ho / nea ɔyɛ bi
Use the QR code to easily share the message of Islam with others